Ei!
…Mmɛnsɛm tumi de takashi furo nyanberansɛm
…ko si adefokrom
…ɛma akronkronfo nante kɔ tɔ ahohiahia kokomu
Agyawaadwo!
2
Hwɛ sɛ abirekyie akɔka ɛgya ato obi fie mu
…afa ne ho adi
…ama odwan akɔka obi nsuo agu
…ama abaa atu ne honam sɛɛ ho
…awe!
2b
Hwɛ sɛ ɔkraman adi abaa yiaw
…ɛnam efi a mframa ɛɛkyekyɛ ho
…ama aboa prako ɛde ne ho fi eeyi akyea
…wɔ n’atɛnbuo ase!
2d
Akuturuku a ekum akura no
Yɛ agyinamoa tiriho koto
Nanso ɛyɛ gyata anim akotoakotoɔ
Ɛyɛ mmɔbɔ sɛɛ!
Mmera de pɛyɛ daadaa nnipa
…dane wɔn mmoadoma a wɔ te nnwuramu
Kyerɛsɛ
…awieyɛ no
…ahoɔden na yɛde bu bim
…san de bu fɔ
Ɛyɛya sɛ aboa dabodabo nni ano wɔ akromah
…ne ɔkɔdeɛ krom
Aaa
…me werɛ afi sɛ ɛhɔ yɛ dabodabo nso kro
…nanso n’ataban ahoɔdene ntumi mfa no nkɔ sie wiemu
…sɛ bɔne nnya nan gu ne so a
Onibiɛ
…su ma dabodabo wai
…efirisɛ ɔyɛ wo sɛsoɔ wɔ ɔbra ahwehwɛ mu
Amoafowaa Sefa Cecilia © November 1, 2019
6 replies on “NSƐMSƐM”
Ns3ms3m … let the world know our language Amoafowaa♥️
LikeLiked by 1 person
I sure will. Thank you. ❤️💕💞💖
LikeLiked by 1 person
Ehee … ahụrụ m … Mama C … na-atụpụrụ m obere nwa Igbo … Ha … Aha ezigbo enyi m bụ Emeka … ọ bụ Mr. Immaculate … Enweghị m ike imejọ ya ya na google tugharia
Yes…I see…Mum C…throwing a little Igbo at me…Ha…My best friend’s name is Emeka… he is Mr. Immaculate…I can not go wrong with him and google translate..:)
LikeLiked by 1 person
😂😂😂 This is not Igbo o. It’s actually a Ghanaian language called Akan or Twi.
LikeLike
google detected Igbo are they related?
LikeLike
I see.
LikeLiked by 1 person