Nneɛ ɔkaa sɛ bebia abɛ bɛtɔ biara yɛ mprɔyɛ mu no
…yɛ ɔbadwenba a adwenehare kyekyere n’aniso adehunu kakra
Efirisɛ abɛ bi tumi tɔ egya mu
…ɛhye
Abɛ bi tumi tɔ ɛboɔ so
…ɛwo
Abɛ bi ti tɔ fɔm ma mmoadoma we
Abɛ bi tumi tɔ nnɔti bi mu
…ɛmmim a y’ɛnhu n’adwosuo koraa
…na y’akohunu ne prɔyɛ
Enti tɔ baabia wo ho bɛtɔ woɔ
…ɛnyɛ baabia wo bɛfiri atɔ
Hunu sɛ
Ahodwoɔ adanseɛ
…y’ɛgye no wɔ akoma anum
II
Nnipa bi hia wo ahoahoa wo te sɛ akyɛdeɛ papa bi
…nso ebinom anya wo ɛtiatia wo te sɛ akoa
Nnipa bi ɛɛpɛ wo de wo ayɛ wɔn abasobɔdeɛ
Adɛn na wo tena hɔ ma nkrɔfoɔ twi w’ase wɔ nkoasom mu?
Wo nnyɛ mpapa dua
…na w’atwɛn okuani sikan ano ya
…ansa w’akɔ si kapenta anaa adefɛnyunofo bi nsɛm
Baabia abɛ bɛ kɔ tɔ no yɛ n’ahyeaseɛ
…aweiyɛ no gyina n’amunimuni tumi so
III
Enti bɔ wo bra tesɛ nkontapa bufoɔ
Wo nan si ha
…n’ɛpatri a
…fa mmɔdimmɔ yɛ adwumadene
Na hwehwɛ agyinae pa
…ɛwiawia kɔtɔ
Efirisɛ ɔbra deɛ
…ɛnoaa ne nea wo de wo wediɛ apre abɔ akɔduru
Amoafowaa Sefa Cecilia © October 18, 2019
For foreign followers:
(This is an inspirational poem encouraging readers to work to be in places where they’ll be needed, or places where their worth will be appreciated)
4 replies on “MPRƆYƐ MU”
Very talented. Can I get a Christmas poem in Twi mixed with English
LikeLiked by 1 person
Can I get a twi- English poem about Christmas?
LikeLiked by 1 person
Go where you are loved
LikeLiked by 1 person
Simple. 💕🙏💖💞
LikeLiked by 1 person