Akasa akasa bebree yi fapem ne sɛn?
Yɛse yɛse mframa ɛɛkeka ammodin dɔ ho asɛm
Bɔyiɛ!
Ib
Ano jejejeje bɔ awerɛfie
Sɛ sɛbi, yɛ nto ɛdan akyi pono mu
Paapa,
…ansa na wo bɛ bue w’ano no
Hwɛ hunu sɛ
Wo dan akyi pono mu ato danwee
Efirisɛ ɔdɔ mu akronfoɔ kyere woa
…ɛɛdɛ sene deɛ ɔdɔ mu kyewpafoɔ abasobɔdeɛ
Ɛdeɛn na nananom aanyɛ anfa abosomsom tumi gyina ho?
Nanso ɛnɛ yi
Halleluya ntiamu bɔ nananom abosom asasa
Ɛnkyɛ na abufuw adane bɛfame mpaebɔ
II
Ɔdɔ mu nsɛm nsɛm nyɛ me Abena Tawiah Amoafowaa dadwene
Efirisɛ obiara akuma ne ne nan
Ebi nanti kɔ wɔn anim
Ebi nanti kɔ wɔn akyi
M’entumi nbɔ me deɛ adwaa
Na m’akɔ fa obi deɛ asua akɔ kyini
Sɛ anim pono ne n’akyi pono wɔ apue yi de
Abɔntene kwan yɛ efiewura nkoa tirimusɛm
III
Ɛwɔ mu sɛ nnipa su ma awufo deɛ
Ɛno nkyerɛ sɛ efunu nkɔ mprɔyɛ mu
Enti mma nnisuo hunu nsɛye w’aniso adehunu
Ano ka nsɛm a aduru n’asuɛye
Nanso akekakeka bebree bɔ tirimu pɔ asesa
Wo deɛ na hwɛ
…na w’akoma akɔso
Ɛnɛ asetena pɔnkɔ nte fo
…na w’afa ne ho akonya menemukro
Amoafowaa Sefa Cecilia © October 4, 2019
9 replies on “AYASE NTƆKWA”
I like this type of “word camouflage” , ciao ☺ .
LikeLiked by 2 people
💞🙏💖
LikeLiked by 1 person
Good job
LikeLiked by 1 person
That is wonderful, I like languages😊
LikeLiked by 2 people
👍🙏
LikeLiked by 1 person
Is Akan your native tongue?
LikeLiked by 3 people
Yes please.
LikeLiked by 1 person
We don’t know what you have written, but we’re sure it was wonderful😺Pawkisses for a Happy Weekend🐾😽💞
LikeLiked by 3 people
🤣🤣🤣💕💞 Have a great weekend.
LikeLiked by 3 people