Categories
POETRY

YƐNFRƐ YIE

Yɛnfrɛ yie o
Na yɛngyai sɛ y’adane yɛn ho abɔmɔfo bɔne
Ɛɛtoto yɛn ho yɛn ho piaw
Wɔ nsɛyiɛ adjan mu no

1b.
Nnɔbae bɔne abobɔ wɔ yɛn nfuo mu
…kɛtɛasehyɛ bayerɛ
…prɔyɛ mankani
…krɔno brɔdeɛ
…anibrɛ ɛmmo
…ntrɔ bankye
…pɛsɛmenkomenya ntɔrewa
…w’ati me w’aka me mako ne ne nkeka ho
Nso yen tima nframa ma wɔn nyinaa ahumee
Yɛnfrɛ yie!

2.
Aduru mmre a ɛsɛsɛ adeyɔ hyɛ yɛn ntini mu ma
Mmre a ɛwɔ sɛ yɛtwa nnɔbae bɔne yi nyinaa gu aduru
Nanso yɛ yɛ adwuma den
Tɔ atuduro de hyɛ gyidie tuo mu
De pia mprako a wɔn hyɛ nguan ntaade
Ma wɔn kɔ sɛpɛ wɔn ho nyini wɔ prɔyɛ yi mu
Nso yɛkɔ so ara soma mprako a wɔn hyɛ nguan ntaade
…ebi de yɛ kɔkɔɔ
…ebi de yɛ fitaa
…ebi de yɛ tuntum
…ebi de yɛ ahabansuo ne neɛ ɛkekakeka ho
Yaa Obenewaa nkwadaa nnwom yi hia wɔ ɔko yi ano

3.
Nana abrewa kɔtɔ prako
Prako no su sɛ ɔrenkɔ fie
Nana abrewa kɔtɔ kraman
…kraman ka prako
…prako hunu kwan kɔ fie
Nana abrewa kɔtɔ abaa
…abaa bɔ kraman
…kraman ka prako
…prako hunu kwan kɔ fie
Nana abrewa kɔtɔ ogya
…ogya hye abaa
…abaa bɔ kraman
…kraman ka prako
…prako hunu kwan kɔ fie
Nana abrewa kɔtɔ nsuo
…nsuo dum ogya
…ogya hye abaa
…abaa bɔ kraman
…kraman ka prako
…prako hunu kwan kɔ fie

4.
Yɛnfrɛ yie!
Nsoma nkanyan nkɔbɔ nnyuma bɔne akyi! Mfa atuduro mpia buruburugya!

4b
Boa maa mpanyinbɔne nhwehwɛ nnyuma pa akyirikwan
Efirisɛ mmre nni nsan akyiri nan
Nso ɔwɔ nhwɛakyiri ani
San kura mfoni afidie
Eetwa yɛn tesɛ sene
Owuo kyere yɛn tesɛ neɛ nkrɔma kyiri nkokɔ a
Ne tumi a wɔ ne nsɛmka mu nni awei
Efirisɛ ne mmrɛ nkoa na ɔbɛwɔ ano
…de bɛdi yɛn mɔdenbɔ ho adanseɛ
Amoafowaa Sefa Cecilia © September 27, 2019

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s