Categories
POETRY

BRƐGUO ƐƐYA

Kɔ ti ne krɔ
Na onipa fufrɔ mfa nkɔ deɛ
…ɛɛya
Wo yi obi se ase brɔ
Na obi gye ne sereɛ bɔ so a
Ɛsen sɛ nea gyata aka wo kra
…wɔ ɔko ano
Ɔbrɛguo ɛɛya wai
…me nua

II
Kɔ si dankɛseɛ
Na ɔfufurɔ mmɛtena mu
Kɔtɔ hyɛn
…na ɔdasani mmɛfa nkɔ
Titi wo mmɔwerɛ mu fa pia ɛtuɔ
…na amamafo mfa amamasɛm mmɛdi ne hwimhwim deɛ
…ɛɛya yie
…me nua

III
Nso
…ɛwiase tesɛ bayie-kwaebretuomu
Gyata a wɔn bɔwerɛ tesɛ sɔsɔ
…tenase ma wɔn ho hu suma ngwan mmɔborɔwa
…kɔ aha de wɔn nam nyinaa brɛ wɔn
…ma wɔn we yi wɔn se mu sɛɛ defeee
…a wɔn mma asomafo yi nnompe mpo
Brɛgu ɛɛya o
…me nua

IV
Nfifire fifiri wɔ abrɛfoɔ adwuma den ntini mu
…ma akwadwofoɔ de nkrataa kakraabi hyɛ wɔn abotesɛm
Enti ahiafo mmim kɔ ohia aforɔ mu
…ɛna adefo de abotesɛm di mmɛnsɛm wɔ nkonwa kɛseɛ so
Me nua
…ɔbrɛguo ɛɛya o!

V
Mmogya mu sasa asesa
…ama wɔn anobrɔ atropi
Enti akakabensɛm agye wiase abɔso
…ɛnenam wɔ nyamberansɛm mpaboa mu
…de hu ɛɛbɔ abrɛfo ntrɛnee
Abrɛfo mfifire adane mogya eehwie fa ɔbrɛ drubɛn mu
…regugu adefo mfuo so
…ma eenyin fɛfɛ
Ah me nua
Ɔbrɛguo ɛɛya o

VI
Nsesa hia nsrahwɛ wɔ ha
Ehia sɛ nsesa ba bɛbrɛ akakabenfo ase
Ehia sɛ ɛbɛ tu atuturafo tumi egu
Ehia sɛ ɛbɛbɔ prɔyɛ ahwiaseɛ
Efirisɛ Kwadjo nkɔdɔ
Na Kwasi mmɛdi deɛ
…ɛɛya paa
Onua breguo ankasa deɛ
…ɛɛya!
Amoafowaa Sefa Cecilia © September 20, 2019

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

4 replies on “BRƐGUO ƐƐYA”

Leave a comment