Categories
POETRY

AKUTIABƆ

Ei akutia?
Akutia a ɛmmaa nnipa ntatia
…tiatia Kwaku Nketia anuonyam so
…wɔ Obo Nkwantia maa krom hɔ nkɔnkɔn-mpete susɔ no sɛɛ sɔ sɔ sɔ sɔ
…yɛɛ n’abrabɔ pasaa no?
Abena Amoafowaa Jemremedua, Agowa dɔ ba
…me mma no nka me kaba
…na abɛka me sliiti

Ib
Ɛyɛ ɔbɔdamfoɔ na etumi ne mframa bɔ kasatwɛdeɛ amansan ani so
Ɛyɛ ohufoɔ na ɛbɔ nsɛmyaw adegya
…wɔ mmerɛ a n’abodin ataadeɛ wɔ hɔ
Nsɛm a enni din nhia akataesia anaa abrantepa biara ntwiee
…wɔ kwan biara so
Sɛ wo ma akutia asowa a
…na ɛko tia tia wo faahodee so

II
Wobɛtumi ahyɛ nsɛmhunu m’ataade agu me pioto so
…ahyɛ no me kro-chia
…de m’asomdeɛ apii ne so
Wo pɛ a, bɔ mɔdin kyerɛ no m’akyia yie
…na kyerɛ no me nne
Sɛ me din aanfam ho a
…ɛneɛ na w’ato opete tuo
…wɔ brɛ a China ni biara ngyina hɔ
Me din bɔ ho mpo n’aɛdaa ne sɛn?

III
Ɛyɛ babasu-hu na ɛkyikyiri ammodin bɔ ahiyie ho
Ɛyɛ oniadeyɔ na ɛsɛye ne mmrɛ
…keka nsɛmtwie de gye gye ntɔkwa hunu
Enti wo dane wo ho kraman bɔdamfuo a
Mɛ dane me ho adukrom dua kɛseɛ
Ama w’apɔ wo wowowowo asɛi w’anum ntasuo kwa

IV
Ɔkraman a onni seɛ
…na ɛpɔ kyɛre wɔ n’ataafo anim
Akutia ne nan o
…na m’ama n’awura m’adwen mu
…n’ankampɛsɛ abɛtiatia m’ahotɔ so –
…onua
Amoafowaa Sefa Cecilia © September 13, 2019

By amoafowaa

Just a simple Ghanaian trying to find the best in our society. I may be fun, I may be interesting, I may be funny, I may even be foolish or intelligent, but it is all based on the mood in which you find yourself. I believe our minds make us who we are. Know that, pain, no matter its 'unbearability', is transient. Unburden or delight yourself for a while in my writings please. And all corrections, advice and opinions are welcome. Know that you are the king, queen or royal on this blog. :)

Leave a Reply

Fill in your details below or click an icon to log in:

WordPress.com Logo

You are commenting using your WordPress.com account. Log Out /  Change )

Facebook photo

You are commenting using your Facebook account. Log Out /  Change )

Connecting to %s