Menyἐ osuo abruboↄ
Nanso madi nna kakra wↄ asaase yi so
Agyinamoa ba, mani ti yἐ no,
Na afei na nhwin kuhaa a mmaa de siesie wↄn ho aba abibiman mu
Wↄn a wↄn nhuu bi da kaa sἐ, ἐyἐ Maame Wↄta tiriho nhwi na amanfo retↄn
Asↄfo mpanyinfo kasa tia wↄn a wↄhyἐ
Nnipa bebree kyiran wↄ a wↄhyἐ
Na amanfo bi nso daa Nyame ase sἐ wↄn annya mmaa ahoↄfefo
Nanso ἐnἐ yi, mmarima koraa na agye Maame Wↄta nhwi yi abↄ so
Yἐ nnka ho asἐm bio
Wei kyerἐ sἐ mmre wↄ ntaban
Afei, ade a yἐde ka y’ano so baa yἐ
Asↄfo sↄre kasa tia yἐ
Siniyifo de twa sini akἐse
Kyerἐ sἐnea ano ka yἐ abonsam nnyuma
Maame Wↄta a ↄda ne nsuo mu nyaa ne de
Mpaebↄfo bↄↄ mpayἐ tiatia ↄbonsam nnyuma so
Abrἐbiara a wↄn hunu mmaa a wↄn aka wↄn ano
Akununombi gyae wↄn yerenom
Ayerenom bi kaa se wↄn kununom yἐ kolo
Akununombi buroo wↄn yerenom
Nanso ἐnἐ yi, mmarima koraa ka wↄn ano wↄ ↄpἐ anamon so
Mmaa a wↄ hyἐ mmarima trↄsase baa yἐ
Mmarima nyina kↄↄ bἐn koro mu kaa se
Mmea pἐ sἐ wↄ gye wↄn tumi
Asↄfo kaa nsἐmpa a ἐkyerἐsἐ mmea mmrἐ wↄn ho ase mma wↄn kunu nom
Wↄka sii so se, trↄsase hyἐ yἐ abonsam de
Afei mmarima bi kaa se, mmea bi hyἐ trↄsase a
ἐyἐ nsↄhwἐ kἐse ma wↄn
Efirisἐ wↄn ahaamu nnipa sↄre sↄre gyina gyina hↄ pitii a wↄn mma wↄn kwan koraa
Aane, ebi de kata wↄn mmunaatoↄ so faa wↄn ho dii yἐ
Nanso mmea kↄↄso hyἐἐ yἐ,
Ano brἐἐ kasa,
Abἐ yἐ afἐfἐde wↄabibimanmu ἐnἐ yi
Enti mmre wↄ ntaban
Nea wo hunu no bↄne nnἐ yi
Bἐtumi ayἐ ade pa ↄkyena bi
Ntaade asene-asene baa yἐ
Abἐgye nhini.
Cigrἐtti hyeἐ baa yἐ
Abἐgyἐ nhini.
Nnↄmma bebree baa yἐ a abἐgye nhini
Efirisἐ mmrἐ wↄ ntaban
Etu kↄ ha, na atu aba ha
Engina faako da.
Amoafowaa Sefa Cecilia © 2014.
This piece means time has wings. The persona goes on to tell her audience that many things were unacceptable in times past but have become so acceptable to a point of importance in modern times.
(Picture taken from The St Ignatius site.)
2 replies on “MMRE Wↄ NTABAN”
This is very interesting and educative poem.
LikeLiked by 1 person
💙🙏
LikeLike